Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 55 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Yehowa Din Nko Na Mεbɔ
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Yehowa din nko na mεbɔ
Na m’ato ne kronkron ho dwom
N’akwan wɔ kronkronyε mu daa
Sεnea n’anwonwa nnwuma te
N’a nwonwa nnwuma dɔɔso dεn ara
Enti na mεto ho dwom daa
2
Onyankopɔn kwan fa po mu
Ne tempɔm so wɔ nsu pii mu
Mεkae Yehowa nneyεe no
Na madi ho adanse daa
N’a nwonwa nnwuma te dɔɔso dεn ara
Enti na mεto ho dwom daa
3
N’awonwa nnwuma bi ne sε
Ɔde Israel faa po mu
Ɔde soro aduan maa wɔn
Ne nsu a efi botan mu
N’a nwonwa nnwuma te dɔɔso dεn ara
Enti na mεto ho dwom daa
4
N’a nwonwa nnwuma te dɔɔso dεn ara
Ogye Daniel fii gyata nsam
Sadrak,Mesak,ne Abednego
Huu ne tumi ogya no mu
N’a nwonwa nnwuma te dɔɔso dεn ara
Enti na mεto ho dwom daa
5
N’a nwonwa nnwuma bi ne sε
Wama po de ne huuyε no
Yi no ayε a ɔmmerε da
W’ahyε sε ɔntena sε n’ahyεde
N’a nwonwa nnwuma te dɔɔso dεn ara
Enti na mεto ho dwom daa
6
N’a nwonwa nnwuma a wayε
Ne sε ɔde Kristo mogya
Ama nnebɔneyεfo ahu
Yesu Kristo mu nkwagye no
N’a nwonwa nnwuma te dɔɔso dεn ara
Enti na mεto ho dwom daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 55 (Yehowa Din Nko Na Mεbɔ) or copy the full lyrics.