Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 54 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Yehowa, Me Nyankopɔn Ne Wo
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Yehowa, me Nyankopɔn ne wo
Mεma wo so na m’akamfo wo din
Ama tete beme agyinatu
Atim ayε nokware wɔ w’anim
Enti aman bεhyε wo anuonyam
N’ahoɔdenfo kurow asuro wo din
2
Yehowa, me Nyankopɔn ne wo
Mεma wo so na m’akamfo wo din
Abrε ananafo hooyε ase
Adan ahoɔdenfo ama brεfo
Wo ne m’ahohia mu guankɔbea
Enti na meyi wo din ayε daa
3
Yehowa, me Nyankopɔn ne wo
Mεma wo so na m’akamfo wo din
Woayi ahohora afi me so
Na wode nhyira pii ahyira me
Wode me nkwa ahinta wo mu nti
Mεto wo din kronkron ho dwom
4
Yehowa, me Nyankopɔn ne wo
Mεma wo so na m’akamfo wo din
Fa wo nsa si wo bepew kronkron so
Efisε wo na m’anida wo so
M’ani agye wo nkwagye no mu nti
Mεbɔ wo din na manhyira wo daa
5
Yehowa, me Nyankopɔn ne wo
Mεma wo so na m’akamfo wo din
Efisε mahu sεnea wote
Wohwε me so awia ne anadwo
Wode hann atwa me ho ahyia nti
Mεto anigye dwom ayi wo ayε
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 54 (Yehowa, Me Nyankopɔn Ne Wo) or copy the full lyrics.