Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 58 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Yehowa Nko Na Yεnim No
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Yehowa nko na yεnim no
Ɔno na ɔyε kronkron
Abɔde tumi renntumi
Nsakra ne Nyame su
Yehowa yε kronkron
Yiw, ɔno ne kronkron
Ahotefo anidaso
ɔno na ɔyε kronkron
2
Wo ara wo nko ne Yehowa
W’akyi obi nni hɔ
Wowɔ hɔ nnεra,nnε ne daa
W’anim,obi nni hɔ
Yehowa yε kronkron
Yiw, ɔno ne kronkron
Mogya adansefo gyefo
ɔno na ɔyε kronkron
3
Nea ne nko yε ’po ne nsoromma
Ɔno na ɔyε kronkron
Ɔkasa ma mframa yε komm
Ɔno na ɔyε kronkron
Yehowa yε kronkron
Yiw, ɔno ne kronkron
ɔsoro ne asase nyina
ɔno na ɔyε kronkron
4
Ɔsoro abɔfo mu mpo
Ɔno na ɔyε krokron
Tεkrεma rentumi nkyerε
Yehowa kronkron yε no
Yehowa yε kronkron
Ne nko na ɔyε kronkron
Kerubim ne Serafim nyinaa
Bom ka sε ɔyε kronkron
5
Ɔte n’ahengua kronkron no so
Yiw,Yehowa yε kronkron
Momma Onyankopɔn din so
Na ne nkutoo ne kronkron
Yehowa yε kronkron
Koroansa no yε kronkron
Kristofo asafo nka nto nnwom
Sε Yehowa yε kronkron
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 58 (Yehowa Nko Na Yεnim No) or copy the full lyrics.