Hymn 48 of 316

Onyankopɔn, Yεyi Wo Ayε

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Onyankopɔn, yεyi wo ayε W'anuonyam ahyε soro ne asase ma Mmepɔw srɔnsrɔn nso yi wo ayε Ne nyinaa kyerε wo tumi Ne nyinaa kyerε wo tumi Yεn nyinaa bom to dwom yi sε Yehowa, wone Onyankopɔn
2
Ɔsoro ka Onyame anuonyam Na wim' kyerε ne nsa ano nwuma Ɛpo ne nsoromma yi wo ayε Wim nnomaa nso yi wo ayε Yεn nyinaa bom to dwom yi sε Yehowa, wo ne onyankopɔn
3
Hena na ɔte sε Yehowa? Wayε ne tena tenabea wɔ soro hɔ Ɔde soro ayε n'agua Asase yε ne nan ntiaso Yεn nyinaa bom to dwom yi sε Yehowa, wo ne Onyankopɔn
4
Elia hyiaa baal akɔmfo no Berε a wɔregu wo din ho fi Wo na wode gya fi soro bae Bεhyew elia afɔre no Ma wɔn nyinaa to dwom yi sε Yehowa, wo ne Onyankopɔn

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 48 (Onyankopɔn, Yεyi Wo Ayε) or copy the full lyrics.