Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 49 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Yehowa Ama Ya'hu
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Yehowa ama ya'hu
Ne nkwagye a wasiesie
Tete mmere mu bɔhyε'a
Ɛnam Yesu Kristo so
Enti momma yεnka sε
Yehowa adɔe wɔ hɔ daa
2
Ɔkasae me tetefo
Tee ne nne bepɔw no so
Akomatɔyam nsεm
Na ɔde kyekye wɔn werε
Wɔn nyinaa hui ampa sε
Yehowa adɔe wɔ hɔ daa
3
Ampa Onyankopɔn yε
Ne nokware wɔ hɔ daa
Wama Israel ahu
Sε ɔyε ne Nyankopɔn
Enti ɔde anigye
Ka sε nadɔe wɔ hɔ daa
4
Momma yεnkotow nsɔre
Onyankopɔn wɔ ne fi
Ɔsoro ne asase
Mfa aseda mmano daa
ɔma yεte ne nne yi
Momma yεnna no ase daa
5
Kronkron ne Awurade
Onyankopɔn yε kronkron
Ne nnwuma nyinaa yε pa
Ɛne nokware kyerε no
Enti gyedifo nka sε
Onyankopɔn yε kronkron
6
Onyankopɔn wɔ soro
Na ɔhwε nnipa mma so
Nea wɔte biara no
N'adɔe no so wɔn so daa
Enti momma yεnka sε
Oye n'adɔe wɔ hɔ daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 49 (Yehowa Ama Ya'hu) or copy the full lyrics.