Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 47 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Onyankopɔn Hyira Zion
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Onyankopɔn hyira Zion
Na n'ani agye daa
N'ani bεgye ne gyefo ho
Na wahuro ama no
Ɔde nne kεse bεteεm sε
Ɔgyefo no aba
Momma yεne no mmom nto dwom
Mma ɔgyefo no daa
2
Onyankopɔn de asomdwoe
Abεdom Israel
Ɔde anigye frankaa no
Abesi bepɔw no so
Wama n'atamfo asuro
Ne tumi basa no
Momma yεn ani nnye ne ho
Na ɔne yεn wɔ hɔ
3
Onyankopɔn de atεmmu
Befi Zion aba
Ɔbεma wɔn a wɔabrε
Anya asomdwoe wɔn kra mu
Ne din nkutoo na wɔbεbɔ
Na wɔanya ahotɔ
Onyankopɔn ne wɔn bεtena
Na wɔahyε N'anuonyam
4
Hena na wahu ne basa
Bepɔw kronkron no so
Ɛhɔ na ɔgyefo no nne fi
Refrε nnebɔneyεfoɔ
Wɔn a wɔte ne frε nyinaa
De anigye fi kɔ
Momma yεmmɔ ne din nkyerε
Na w'awie n'adwuma
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 47 (Onyankopɔn Hyira Zion) or copy the full lyrics.