Hymn 36 of 316

Monto Yehowa Akwan Ho Dwom

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

Chorus (Nnyesoɔ)
Monto ayeyi nnwom mma no Na ne nnwuma yε nokware Nhyira nka Onyankopɔn
1
Monto Yehowa akwan ho dwom Sε n’anuonyam no yε kεse Ɔno ne yεn kra hintabea Ɔremma bɔne bi nto yεn
2
Ɔka po nsu boa ano kuw Ɔde bun sie nea εhɔ dɔ, Ne nyansa mu nni hwehwεbea Dεn na wode bεto ne ho?
3
Ɔremma wo nan nwatiri Nea ɔhwe wo no rentɔ nko Owia renhye wo awia Na ɔsram rensi wo so anadwo
4
Dεn na memfa mma Awurade Mεto n’ayεyi dwom no daa Ma me kra ntena se nyi wo ayε Na menka wo nkwagye no nkyerε

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 36 (Monto Yehowa Akwan Ho Dwom) or copy the full lyrics.