Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 35 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Mommɔ Totorobεnto
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Mommɔ Totorobεnto
Nyi Yehowa ayε
Abɔde nyina mfa ndwom to
Nka n’ayεyi nkyerε
2
Mo mmɔ totorobεnto
Mma ɔteasefo no
Monto ne nkwagye basa nnwom
Na ne din ama so
3
Mo mmɔ Totorobεnto
Wɔ Yehowa fi daa
Monto ayεyi nnwom mma no
Na w’awie n’adwuma
4
Mo mmɔ Totorobεnto
Nka sε Yehowa Ye
Momfa ehurusi nkamfo no
Na ne nnwuma nyina ye
5
Mo mmɔ Totorobεnto
Na Zion anigye
Monto nnwom mma n’apamfo no
Na monna no ase
6
Mo mmɔ Totorobεnto
Monhuro mma Yehowa
Atumfo nyinaa nkotow no
Na ɔyε kεse daa
7
Mo mmɔ Totorobεnto
Monteεm na manka sε
Onyankopɔn din yε kronkron
Hena na ɔne no sε?
8
Mo mmɔ Totorobεnto
Nyiraa Yehowa daa
Momma nea εhome nyinaa
Nkamfo n’adɔyε daa
9
Mo mmɔ Totorobεnto
Momma nsa kronkron so
Tεkrεma nyinaa mpaem nka sε
Yehowa yε Otumfo
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 35 (Mommɔ Totorobεnto) or copy the full lyrics.