Hymn 34: Monhyira Onyankopɔn Daa
Hymn 34 of 316 in the TAC Twi Hymnal. Language: Twi (Akan).
Chorus
Awurade yε ɔhen kεse Yεn Nyankopɔn yε ’ɔhene kεse Ɔno na ayεyi sε no
Verses
Verse 1
Monhyira Onyankopɔn daa Na ayεyi sε no Momma ne din kronkron no so Na ɔno ne Awurade
Verse 2
Ɔdomakoma Nyankopɔn Ɔno na ayεyi se no Nea wayε ne tenabea wɔ soro Ɔno na ayεyi sε no
Verse 3
Awurade wɔ N’asɔrefi Momfa aseda mma no Monhyira ne din kronkron no Kristo asafo
Verse 4
Mεma wo so Onyankopɔn Mεto w’ayεyi nnwom Mo ne me nkamfo Awurade Na ayεyi sε no
Verse 5
Monhyira Awurade anuonyam Wɔ wiase nyinaa Wama no nkwagye basa so Enti monhyira no