Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 33 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Nhyira Nka Onyankopɔn
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Nhyira nka Onyankopɔn
Wɔ n’asafo nyina mu
Kristo asafo nyina
Mma Onyankopɔn din so
Anuonyam Anuonyam
Nka Onyankopɔn daa
2
Onyankopɔn yε Otumfo
Ne nnwuma yε akεse
N’akwan yε nwonwa,εteε
εyε nokware ne asomdwoe
Yε Onyankopɔn dea daa
3
Anuonyam wɔ sorosoro
Ma Otumfo Nyankopɔn
Asomdwoe wɔ asase so
Ma wɔn a wɔwɔ pε pa
Anuonyam Anuonyam
Nka Onyankopɔn daa
4
Wiase mmusuakuw nyinaa
Nyi Onyankopɔn ayε
Wɔn a wɔgye no di no
Bεto n’ayεyi dwom daa
Aseda, aseda
Yε Onyankopɔn dea daa
5
Me kra hyira Yehowa
Na hyε no anuonyam daa
Kamfo no na korɔn no
Na ɔno ne wo boafo
Anuonyam anuonyam
Nka me boafo no din daa
6
Kerubim ne seraphim
De wɔn gyigye yi wo ayε
Osoro asafo nso
Kamfo wo tumi kεse no
Nhyira nhyira
Nka Onyankopɔn din daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 33 (Nhyira Nka Onyankopɔn) or copy the full lyrics.