Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 32 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Momma Yεn Nkamfo Yehoawa
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
Chorus (Nnyesoɔ)
Ɔde ne tumi agye yεn
N’adom abuso ama yεn
Ɔde asεndua no so wu
Agye yεn afi bɔne mu
1
Momma yεn nkamfo Yehoawa
Na yεahu ne nkwagye basa
Ɔnam ne dɔ ba Kristo so
Abɔ nkwagye kwan ama yεn
2
Wama nnebɔneyεfo ahu
N’adom a εwɔ hɔ ma wɔn
Ɔde soro kwan trenee a
Ɔyε Kristo no akyε wɔn
3
Onyankopɔn dɔ yε nwonwa
Nnebɔneyεfo ntumi nte ase
Ogyefo bεn na ɔte saa yi?
Agya pa bεn na ɔte saa yi?
4
Mefom ne kwan trenee no so
Na ɔnam Kristo so frεε me
Anka meyε bɔne akoa
N’adom nti made me ho
5
Ampa Onyankopɔn dɔ me
Wayi ma afi suro mu
Ampa Onyankopɔn dɔ me
Mεto ne dɔ no ho nnwom daa
6
Mo ne me nkamfo Yehowa
Na yεnka ne nneyεε nkyerε
Mo ne me mma nsa kronkron so
Nhyira ɔteasefo no daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 32 (Momma Yεn Nkamfo Yehoawa) or copy the full lyrics.