Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 31 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Wo Nnwuma Nyinaa Da Wo Ase
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Wo nnwuma nyinaa da wo ase
Wo a wote sorosoro
Gyedifo bεbom aka sε
Wo ne Otumfo Nyankopɔn
2
Obi nni w’akyi ne w’anim
Wo wɔ hɔ nnera, nnε ne daa
Ma wiase aman nyinaa nhu sε
Wo ne Otumfo Nyankopɔn
3
Dεn nti na atumfo sɔre tia
Awurade Kristo kronkron no?
Awurade ma wɔn nyinaa nhu sε
Wo ne Otumfo Nyankopɔn
4
Wo ne Otumfo Nyankopon
Tumi bi rentumi ntia wo
Mogya adansefo nim sε
Wo ne Otumfo Nyankopɔn
5
Wo ne Otumfo Nyankopon
Wo na wobɔɔ ade nyinaa
Wo nnwuma nyinaa kyerε sε
Wo ne Otumfo Nyankopɔn
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 31 (Wo Nnwuma Nyinaa Da Wo Ase) or copy the full lyrics.