Hymn 30 of 316

Monto Nnwom Mma Asafo Yehowa Daa

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Monto nnwom mma Asafo Yehowa daa Momfa osebɔ mmra n’abangua no so Mo kamfo no monhyira no daa Onyankopɔn nko na ayεyi sε no Anuonyam nka Awurade daa W’ayε ade nyinaa yiye monhyira no
2
Monto nnwom mma Asafo Yehowa daa Momfa aseda mmra n’abangua no so Monna n’ase monyi n’ayε Onyankopɔn nko na ayεyi sε no Momma yεmmom nyi no ayε Nidi ne anuonyam nka Awurade
3
Monto dwom mma Asafo Yehowa daa Monmɔ ne din nkyerε na ɔyε Awurade Monyi no ayε ɔsε ayεyi Onyankopɔn otumfo no sε ayεyi Momma yεnhyira ne din daa Na yεn Nyankopɔn nkutoo ne Awurade

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 30 (Monto Nnwom Mma Asafo Yehowa Daa) or copy the full lyrics.