Hymn 37 of 316

Monyi Yehowa Ayε Mfi Soro

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Monyi Yehowa ayε mfi soro Monyi no ayε ɔsoro mu soro N’abɔfo nyinaa monyi no ayε Owia ne ɔsram, monyi no ayε
2
Mo soro mu soro monyi no ayε Mo asuasu monyi no ayε Ma abɔde nyinaa nyi no ayε Momma nea εhome nyinaa nyi no ayε
3
Monyi Yehowa ayε mfi asase so Bonsu ahoro ne abun nyinaa Ogya ne mparugu nyinaa nyi no ayε Sukyerεma ne ahuhuro nyi no ayε
4
Asase so atumfo nyinaa nyi ni ayε Atitiriw ne atεmmufo nyinaa Mmerante ne mamba nyinaa nyi no ayε Mpanin ne mmɔfra nyinaa nyi no ayε
5
Mmepɔw ne nkoko nyinaa nyi no ayε Nnua a εso ne nkyenedueu nyi no ayε Wuram mmoa akεse nyinaa nyi no ayε Nweaweaboa ne ntakarammoa nyi no ayε
6
Abɔde nyinaa nyi Yehowa ayε Ne din nko na εso, monyi no ayε W’abεn so, monyi no ayε, Ma ahotewfo nyinaa nyi no ayε

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 37 (Monyi Yehowa Ayε Mfi Soro) or copy the full lyrics.