Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 313 of 316🏷️ Kristo Ba ne Soro Kurow(Second Coming & Heaven)
Onyankopɔn Ahenni Aba
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Onyankopɔn ahenni aba
Yεn nkonimdi hene aba,
Onyankopɔn ahenni mu
Na’ahohiahia to bεtwa;
Onyankopɔn ahenni yi mu
Na asomdwoe bεtena daa
2
Onyankopɔn ahenni aba,
Gyedifo gye da adu,
Onyankopɔn ahenni aba
Kristo bɔgyε no adu
Onyankopɔn ahenni yi mu
Na treneeyε bεtena daa
3
Onyankopɔn ahenni aba,
Na bɔhyε bere no adu;
Onyankopɔn ahenni aba
Gyedifo momma no so;
Onyankopɔn ahenni yi mu
Na awerεhow to betwa
4
Onyankopɔn ahenni aba
Momma yεntena mu nsom no
Onyankopɔn ahenni aba
Momma yεntena mu ntweri no
Onyankopɔn ahenni yi mu
Na anigye bεtena daa
5
Onyankopɔn ahenni aba
Momma yεnkamfo nkyerε
Onyankopɔn ahenni aba
Momma yεmma no so nkyerε
Onyankopɔn ahenni yi mu
Na n’anuonyam no bεhyerεn
6
Onyankopɔn ahenni aba
Yεn berε nnwuma to atwa
Onyankopɔn ahenni aba
Yεn gyedi no annyε kwa
Onyankopɔn ahenni aba
Yεne no bedi Hene daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 313 (Onyankopɔn Ahenni Aba) or copy the full lyrics.