Hymn 314 of 316

Hwε Wo Nyame Som So Yiye

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

Chorus (Nnyesoɔ)
Yesu reba, ɔreba ntεm Abεfa wɔn a w’adi nkonim Enti mo nni adanse nkyerε Na Yesu Kristo reba ntεm
1
Hwε wo Nyame som so yiye Bɔ mmɔden na wie w’adwuma Na wobenya nkonim abɔtiri Da a Yesu Kristo bεba
2
Fa wo nkwa nyinaa bɔ afɔre Na bo Kristo nsempa no dawuru Teεm sε nkwagye bi wɔ Kristo mu Enti nnebɔneyεfo mommra
3
Asase woso kεse reba Soro ne asase bεtwam akɔ Nnipa de wɔn nne bεtom asu Efisε da no bεyε hu
4
Yεretwεn Agyenkwa Kristo Nea yεbεhome wɔ ne mu no Yiw Awurade Yesu Kristo bra Gyedifo nyinaa hwε wo kwan

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 314 (Hwε Wo Nyame Som So Yiye) or copy the full lyrics.