Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 294 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Tete Beme Onyankopɔn
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Tete beme Onyankopɔn
Ma w’ahenni no mmra ntem;
Wiase mmusuakuw hwε wo kwan
Enti bedi hene;
Bedi tumi, bedi tumi,
Na ma asomdwoe mmra;
Onyankopɔn yεhwε wo kwan,
Enti ma’somdwoe mmra
2
Yεretwεn wo bɔhyε kronkron,
Nea yεn ani da so daa;
Tetefo no gyee wo dii nti
Yεhwε wo kwan nnε nso;
Bedi tumi, bedi tumi,
Na ma asomdwoe mmra;
W’anum asεm yε nokware enti ma
Asomdwoe mmra
3
Yenim sε dabi yεbεte
Wo nne a egyigye no;
Na sε awufo sɔre a
Yεbenya asomdwoe;
Bedi tumi, bedi tumi,
Na ma asomdwoe mmra;
Yεn ani da wo bɔhyε so
Enti ma’somdwoe mmra
4
Adom ne asomdwoe wɔ wo,
Enti ma w’ahenni mmra;
Kasa na ma atumfo nte
Efisε wo wɔ hɔ;
Bedi tumi, bedi tumi,
Na ma yεn wo gye;
Yε gyedi sε wo nsakra da
Enti ma’somdwoe mmra
5
Sε Nyankopɔn nne gyigye a
Wiase mmusuaku besuro,
Na gyedifo behu wo dɔ
A εwɔ Kristo mu;
Bedi tumi, bedi tumi,
Na wo na wog ye nkwa;
Gyedifo ani da wo so
Enti ma’somdwoe mmra
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 294 (Tete Beme Onyankopɔn) or copy the full lyrics.