Hymn 293 of 316

Onyankopɔn Yεn Agya Pa

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Onyankopɔn yεn agya pa Bra wofi kronkron yi mu Bεgye yεn afɔrebɔ so, Na w’animtew mmra yεnso; Ɔdomfo agya yεsrεw Onyankopɔn agya pa Kae Yesu amanehunu
2
Onyankopɔn yεn agya pa Bue wo nsam na hyira yεn, Ma wɔn a wodi w’akyi no Nya nea ehia ma wɔn kra, Ɔdomfo agya yεsrε wo Onyankopɔn agya pa Wo so na yεn ani da
3
Onyankopɔn yεn agya pa Wo nkyεn na honam nyinaa ba, Wo hyira nea w’adome no Popa me bɔne nyinaa; Ɔdomfo agya yεsrε wo, Kae Yesu Kristo wu no Na gye yεn sufrε so daa
4
Onyankopɔn yεn agya pa Bue ɔsoro pon ma yεn Hwie wo nhyira ma emmu so, Bue tete pon no petee Yεrebεgye wo nhyira, Di wo bɔhyε so ma yεn Na yεn koma ntɔ yεn yaw
5
Onyankopɔn yεn agya pa Gyyedifo twere wo daa Yεbεforo pepɔw kronkron no Na akasa akyerε yεn; Hwε nea w’asra no anim Na ma ensi yεn yiye Na yεmmε wo din nkyerε

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 293 (Onyankopɔn Yεn Agya Pa) or copy the full lyrics.