Hymn 292 of 316

Sum Nnwuma Redɔɔso Wɔ Wiase

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Sum nnwuma redɔɔso wɔ wiase, Tamfo refa nnipa nnomum; Awurade ma’ogya kronkron no mmra, Bεsεe tamfo adwuma no
2
Woho dɔ refi gyedifo mu, Gyedifo werε refi wo din; Awurade ma gyedifo nkae sε, Wone Kristo Agyenkwa no
3
Bue wo nkwagye nsεmpa bura no so, Na ma εmpem mmra koma mu; Soma w’adom nsεmpa no wiase, Ansana nna bɔne no aba
4
Fa wo dade poma no na bra, Bεtena w’ahengua so di hene; Ma wiase tumfo no nhu sε, W’ama wo basa kronkron no so
5
Yεretwεn w’ahoyi kronkron no, Gyedifo bɔhyε gye da no; Hena na wobεgye no da no? Awurade wo nko na wonim

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 292 (Sum Nnwuma Redɔɔso Wɔ Wiase) or copy the full lyrics.