Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 291 of 316🏷️ Mpaebɔ ne Ahomte(Prayer & Supplication)
Onyankopɔn, Wo Wɔ He
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Onyankopɔn, wo wɔ he,
Na’ɔtamfo redi hene yi?
O,Awurade, beboa yεn
Agya ma nea wo pε nyε
2
Ɔhoɔdenfo ne hena?
So otumfo bi wɔ hɔ bio?
Yε nni yεn nkwa so tumi,
Agya ma nea wo pε nyε
3
Onipa tesε nhwiren
Ɛnnkyε na w’atwa mu kɔ,
Ne nkwa kura wo nsam yi,
Agya ma nea wo pε nyε
4
Sε nipa gyae wo din bɔ,
Kyerε sε wo nnyε ’Nyankopɔn a,
Ma wo ho dɔ ntena yεn mu
Na ma nea wo pε nyε
5
Yεgye Kristo din no di
Din no mu na wo tie yεn,
Yehowa ma wo nsa so,
Na ma nea wo pε nyε
6
Ma anifraefo nhu ade,
Ma asotifo nte asεm
Ma akyinnyefo nhu sε
Wo tumi yε nea wo pε
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 291 (Onyankopɔn, Wo Wɔ He) or copy the full lyrics.