Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 290 of 316🏷️ Nkunimdie ne Ko(Spiritual Warfare & Victory)
Onyankopɔn Ma Wo Nsa So
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Onyankopɔn ma wo nsa so
Na ma wo dom no nnɔɔso
Bεhwε gyedifo ahokyerε
Na wɔn ani da wo so
Gyedifo de awerεhow
Bɔ wo din frε wo daa
Enti sɔre w’ahengua so
Na bεkyekye yεn werε
2
Yεn anigye mpo ayera
Efisε yεn bo tu daa
Nanso wo wɔ yεn nti
Yebegyina ama wo
Bεwoso mmepεw akεse
Bεhwε yεn ahokyere
Yehowa sɔre na kasa
Na bεkyekye yεn werε
3
W’asεmpa no mu tumi mpo
Afi yεn asenka mu
Yenim sε wo de wo nsakra
Enti sɔre na kasa
Gyedifo mpae ara ne sε
Yebehu wo tumi no
Enti brε ɔtamfo no ase
Na bεkyekye yεn werε
4
Honhom kronkron mu anigye
Ne nea yεn kra kɔn dɔ
Nanso ɔtamfo no haw nti
Yεn kra nte nka bio
Onyankopɔn dεn na yεayε
Kae wo tete bɔhyε no
Sɔre na bεhyε yεn hia so
Na bεkyekye yεn werε
5
Onyankopɔn kae w’asafo
Na bεteε wo nsa to nnipa mma so
Na soma wɔn wiase
Onyankopɔn sɔre ntεm
Begye wɔn a w’ayera
Ma yεn daa sufrε nnu w’anim
Na bεkyekye yεn werε
6
Ma soro adom nsu no atɔ
Na asase no atwe
Yεn asase kεse no nti
Dom akyεde ayera
Ma soro adom nsu no ntɔ
Ngu wo bobe turo mu
Onyankopɔn tie yεn mpaebɔ
Na bεkyekye yεn werε
7
Yεn amumuyε adɔɔso,
Yεn mpaebɔ nnu w’anim
Yεne wo ntam aware nti
Yεnntumi ne wo nkasa
Yi wo nsa fi wo koko mu
Yenim sε wo nim wo de nti
Na bεko gye gyedifo
Na bεkyekye yεn werε
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 290 (Onyankopɔn Ma Wo Nsa So) or copy the full lyrics.