Hymn 289 of 316

Onyankopɔn Teε Wo Nsa Nnε

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Onyankopɔn teε wo nsa nnε Na ma yε nhu nkwagye no Yεn anida wo tumi so Enti di wo bɔhyε no nnε Wo nkutoo na εpo tie wo Kasa na ma mframa no ayε komm
2
Onyankopɔn teε wo nsa nnε Na ɔgyefo mpo abɔ yεn Yεtwere wo tumi no nti Kasa na ma mframa nyε komm Yε ntεm bεboa yεn Awurade, Kasa na mframa no nyε komm
3
Onyankopɔn teε wo nsa nnε Na tetefo boafo ne wo, Kyerε yεn kwan na yεn mfi ha, Sɔ mframa no mu gyina hɔ O Awurade yεn kra Gyefo Kasa na mframa no nyε komm
4
Hena ne ɔgyefo wɔ ha? Yehowa da w oho adi; Na yε nhu wo nkwagye kεse no W’anum asεm yε tumi nti Yehowa gye yεn sufrε so, Kasa na ma mfra a no nyε komm
5
Agya, ɔba ne Honhom kronkron Gyedifo nyinaa Nyankopɔn Wo nkoa kra nti ma wo nsa so, Na ogyefo bi nni babi Ma mframa no nso ntie wo Na fa yεn koduru fie dwodwoo

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 289 (Onyankopɔn Teε Wo Nsa Nnε) or copy the full lyrics.