Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 288 of 316🏷️ Nkunimdie ne Ko(Spiritual Warfare & Victory)
Onyankopɔn Ma W’asεm No
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Onyankopɔn ma w’asεm no
Ntena gyedifo koma mu,
Wiase yi hia wo,
Fa gyedifo so teε wo nsa;
Ma w’asεm mu tumi nyε adwuma,
Na wiase bε bɔ wo din
2
Ma w’asεm mu hann no nhyerεn
Wiase sum yi mu;
Onyankopɔn hyerεn
Wɔ nnebɔneyεfo koma mu,
Ma nnebɔneyεfo anigye
Na wiase bεbɔ wo din
3
Ma w’asεm mu tumi kεse no
Mfa wiase tumfo no nsie;
Ma n’akwan bɔne no nhinta
Mfi gyedifo ani so,
Hyerεn, ma gyedifo anigye,
Na yεmmɔ nkwagye no dawuru
🎵 TAC TWI HYMNAL
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 288 (Onyankopɔn Ma W’asεm No) or copy the full lyrics.