Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 287 of 316🏷️ Nkunimdie ne Ko(Spiritual Warfare & Victory)
Ma Onyankopɔn Nsɔre N’atamfo So
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
Chorus (Nnyesoɔ)
Yi Awurade’ ayε
Yi Awurade’ ayε
Obedi n’atamfo so nti yi no ayε
Yi Awurade’ ayε
Yi Awurade’ ayε
Yi Otumfo Nyankopɔn ayε
1
Ma onyankopɔn nsɔre n’atamfo so
Na ɔmbεgye wɔn a wosuro no
Ma wo nkonimdi basa Kronkron no so
Bεgye wɔn a wɔbɔ wo din daa
2
Yi Awurade’ ayε
Yi Awurade’ ayε
Obedi n’atamfo so nti yi no ayε
Yi Awurade’ ayε
Yi Awurade’ ayε
Yi Otumfo Nyankopɔn ayε
2
Yehowa sɔre da w oho adi
Na ma w’atamfo nyinaa nsan wɔn akyi
Ma wo dade poma no so
Na yεde osebɔ behyira wo
3
Onyankopɔn nne begyigye da bi
Na atamfo eguan afi n’anim
Na wɔn a w’apɔn wɔn no de nnwomto
Behyira Onyankopɔn din daa
4
Ma Onyankopɔn nkyerε ne tumi no,
Wɔn a wɔne no di asi nsuro no
Ɔbεkasa na wiase asuro
Na wɔde anuonyam ama no
5
Onyankopɔn na yεbɔ ne din daa
Efisε ne din tumi gye yεn
Ɔyε Otumfo a n’adom dɔɔso
Enti na yehyira ne din daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 287 (Ma Onyankopɔn Nsɔre N’atamfo So) or copy the full lyrics.