Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 286 of 316🏷️ Nkunimdie ne Ko(Spiritual Warfare & Victory)
Mεko Gyedi Kopa
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Mεko gyedi kopa
Na meberε rennyε kwa;
Efisε Awurade
Bεhyε yεn anuonyam,
Enti momma yεmfa
Anigye ntu sa no;
Ɛrenkyε yebehu
Yesu Kristo anim
2
Kristo bεma yεahu
Sεnea nkonimdi te,
Yεde ayεyi nnwom
Behyia gyedifo no,
Enti momma yεmmom
Na yεne no nnantew;
Ɛrennkyε yebehu
Yesu Kristo anim
3
Ɛbrε ne amane,
Ɛhaw ne awerεhow
Nyinaa to rebetwa
Da a Kristo bεba;
Momma yεmfa gyedi
Nyina mma Awurade;
Ɛrennkyε yebehu
Yesu Kristo anim
4
Kurow kronkron no mu
Na dabi yεbεtena,
Sε yε di nkonim a;
Yε benya abɔtire,
Enti momma yεmfa
Anigye ntu sa no;
Ɛrennkyε yebehu
Yesu Kristo anim
5
Momma yεnko ko pa
Na dabi yεbεserew,
Wɔbɔpopa nisu
Na yεn ani agye;
Momma yεmmom nnantew;
Momma yεmfa ɔdɔ
Ɛrennkyε yebehu
Yesu Kristo anim
🎵 TAC TWI HYMNAL
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 286 (Mεko Gyedi Kopa) or copy the full lyrics.