Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 285 of 316🏷️ Nkunimdie ne Ko(Spiritual Warfare & Victory)
Israel Nyankopɔn Sɔre
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Israel Nyankopɔn sɔre
Yi wo tumi no adi kyerε yεn
Fi soro na Kasa kyerε yεn
Na yεbεma wo din Kronkron no so
2
Israel Nyankopɔn sɔre
Fa wo dade poma bedi ko,
Teεm na ahotɔ mmra wiase
Na yεbεma wo din Kronkron no so
3
Gyedifo Nyankopɔn sɔre ntεm
Na mframa rebɔ dennen wɔ wiase
Kasa, na ne nyinaa bεyε komm
Na yεbεma wo din Kronkron no so
4
Mogya dansefo Nyankopɔn bra ntεm
Bra na mogya adansefo nsɔre,
Ma wo basa so di nkonim,
Na yεbεma wo din Kronkron no so
5
Onyankopɔn wo wɔ hɔ kasa;
Ma wiase nhu sε wo di tumi;
Onyankopɔn ma yεnte won ne
Na yεbεma wo din kronkron no so
6
Nhyira nka wo, Onyankopɔn kasa,
Bra begye wɔn a wosu frε wo daa;
Kasa na nkotodwe nkotow wo daa
Na yεbεmma wo din Kronkron no so
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 285 (Israel Nyankopɔn Sɔre) or copy the full lyrics.