Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 278 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Yehowa Ne M’abankεse
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Yehowa ne m’abankεse
Ne so na me de meho ato
Yehowa ne m’abankεse
Ɔno na gyedifo twere no
Yehowa ne m’abankεse,
Enti mεbata no ho;
Yehowa ne m’abankεse, Ɔno ne m’anidaso
2
Yehowa ne m’abankεse
Ɔno ne gyedifo Kwankyerεfo;
Yehowa ne m’abankεse,
Ɔno ne gyedifo botantim
Yehowa ne m’abankεse,
Henan a mensuro no?
Yehowa ne m’abankεse,
Ɔno na ɔhwε me kra so.
3
Yehowa ne m’abankεse
Mεbata ne ho nti me nsuro;
Yehowa ne m’abankεse,
Ɔno na otutu m’anamɔn;
Yehowa ne m’abankεse,
N’asεm nti wiase tim hɔ;
Yehowa ne m’abankεse
Ne nsam na me nkwagye wɔ.
4
Yehowa ne m’abankεse
Bɔn3 mframa bɔ a merennhim;
Yehowa ne m’abankεse
Sεnea me te biara ɔdɔ me,
Yehowa ne m’abankεse,
Ne kwankyerε yε trenee,
Yehowa ne m’abankεse
Yiye ne adɔeε di makyi.
5
Yehowa ne m’abankεse
N’asεm mu tumi bɔ me ho ban,
Yehowa ne m’abank3se
Ɔno ne Onyankopɔn kronkron
Yehowa ne m’abankεse
Ne Honhom kronkron te me mu;
Yehowa ne m’abankεse
Ɔkasa n’asafo mu
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 278 (Yehowa Ne M’abankεse) or copy the full lyrics.