Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 277 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Awurade Kwan Kyerεfo Pa
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Awurade kwan kyerεfo pa
Kyerε me kwan na m’anyera;
Sum ahyε wiase yi mu,
Enti hyerεn ma gyedifo,
O, Awurade kwankyerεfo pa
Di kan na me nni w’akyi
2
Awurade kwan kyerεfo pa
Kasa na mente won ne;
Ma gyedifo nhu wo dɔ no
Na sum nnwuma redɔɔso;
O, Awurade kwankyerεfo pa
Di kan na me nni w’akyi
3
Awurade kwan kyerεfo pa
Teε wo dɔ nsa no ma me;
Ma tete hann nhyerεn mma me
Na me nhwε so nni w’akyi;
O, Awurade kwankyerεfo pa
Di kan na me nni w’akyi
4
Awurade kwan kyerεfo pa
Bue nkwa nsubura no so
Ma wɔn a watɔ piti no;
Kyerε wɔn kwan na wɔ mmεnom bi;
O, Awurade kwankyerεfo pa
Di kan na me nni w’akyi
5
Awurade kwan kyerεfo pa
Fa w’asεm dum sum nnwuma;
Ma ensi w’asafo yiye
Na di hene wɔ wɔn mu daa;
O, Awurade kwankyerεfo pa
Di kan na me nni w’akyi
6
Awurade kwan kyerεfo pa
Me ne wo bεnantew daa,
Hyerεw na yε me nan ase hann
Na m’amfom kwan pa no so;
O, Awurade kwankyerεfo pa
Di kan na me nni w’akyi
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 277 (Awurade Kwan Kyerεfo Pa) or copy the full lyrics.