Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 27 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Mo Mmɔ Ose Mma Onyankopɔn
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Mo mmɔ ose mma Onyankopɔn
Monhuru mma Yakɔb Nyankopɔn
Mo mmɔ nsanku dεdε ne mpintin
Na Yehowa afahyε adu’
Ahotewfo nyinaa monsɔre
Na yεnto ayεyi nnwom mma no
2
Momma mo nne so nto ayεyi dwom
Na Yehowa adɔeε so yεn so
Momfa aseda mma Onyankopɔn
Sε ɔne yεn adi no yiye;
Ahotewfo nyinaa nsɔre no
Na Yehowa ne Onyankopɔn
3
Mεkamfo Ɔsoro Nyankopɔn
Na m’akorɔn ne din kεse no
Eyε sε wɔda ne din anuonyam daa
Ahotewfo nyinaa nsɔre no
Na Yehowa ne Onyankopɔn
4
Mo mmra ma yεnto anigye dwom
Mo mmɔ ose mma yεn nkwagye botan
Ampa ara ne nkwagye abεn yεn
Na ne mmɔbrohunu nso wɔ hɔ daa
Ahotewfo nyinaa nsɔre no
Na Yehowa ne Onyankopɔn
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 27 (Mo Mmɔ Ose Mma Onyankopɔn) or copy the full lyrics.