Hymn 26 of 316

Mo Mmɔ Ose Mma Yehowa

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Mo mmɔ ose mma Yehowa Anyame no anim monto dwom Ɔsoro monto anigye dwom Na Yehowa adi nkunim W’akae ne tete asafo Enti momma yε nhyira no
2
Dεn ho na mode no bεto Ne nko na ɔyε Awurade Wadi ne tete bɔhyε so Obi nni hɔ a ɔte sε no W’akae ne tete asafo Enti momma yεnyi no ayε
3
Yehowa aka ne ho ntam Nkotodwe nyinaa bεkotow no Wadi napam trenee no so Enti nkotodwe nyinaa nkotow no N’anum asεm atim ama yεn Momma yεnna no ase daa
4
Yehowa ne ɔgyefo Obi nni hɔ ka ne ho bio Ɔno ne yεn abankεse Yε twerε no a yεmpɔn nhwe Wakae nea wasra no nti Momma yεnhyira no anuonyam
5
Mo mmɔ Yehowa din nkyerε Wama yɛate no dom no nka Wahyɛ ne din no anuonyam Wɔ ne dɔ ba kronkron no mu W’ama Dawid ahengua so Momma yɛnhyira ne din daa

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 26 (Mo Mmɔ Ose Mma Yehowa) or copy the full lyrics.