Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 25 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Momma Yε Nhwε Onyankopɔn
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
Chorus (Nnyesoɔ)
Momma yε nkamfo ne suban
Na ne kεseyε wɔ sorohɔ
Ɔyε Onyankopɔn kronkron,
Ɔhyerεn wɔ kurow kronkron no mu
1
Momma yε nhwε Onyankopɔn
Sεnea osi hyerεn wɔ soro hɔ,
N’anuonyam kεse no te dεn?
N’ahengua kronkron no te dεn?
2
Owia hann mpo nte sε ɔno
Ɔsram ne nsoromma nhyerεn sε ɔno
Abɔfo kronkron ntumi nhwε no
Ɔhyerεn wɔ soro hɔ sen wɔn nyinaa
3
Ɔteasefo no yε kronkron
Ɔte sεnea ɔte fi mfiase
Ahotewfo ntumi nhwε no
Efisε ɔhyerεn sen wɔn nyinaa
4
Gyedifo behu no da bi
Na wɔn koma atɔ wɔn yam
Ɔde ne hyerεn behyia wɔn kwan
Na wɔn koma atɔ wɔn yam
5
Ɔsoro Abɔfo mpempem
De anigye nnwom yi no yε
Ateasefo no de nnwom to
Kamfo Onyankopɔn din daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 25 (Momma Yε Nhwε Onyankopɔn) or copy the full lyrics.