Hymn 24 of 316

Mo Mmra Ma Yεnsɔre

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Mo mmra ma yεnsɔre Onyankopɔn kronkron, Ɔno na abɔde Nyinaa fi ne mu bae, Enti ne nkoa nyinaa Nto ne din ho dwom daa Otweaduampɔn Nyame Yεyi wo ayε daa
2
Ɔdomakoma Nyame Tumi nyinaa yε wode Soro ne asase Kyerε sεnea wo te Ma abɔde nyinaa Nyi ne din ayε daa Otweaduampɔn Nyame Yεda wo ase daa
3
Otumfo Nyankopɔn Wo na ayεyi sε wo Da wo tumi adi Na ma wiase nhu Ɛpo ne ne mayε Bɔ wo mmrane kyerε Otweaduampɔn Nyame Tumi nyina yε wo de
4
Onyankopɔn kεse Wiase tumfo ne wo Wiase anyansafo Bεkotow asɔre wo Tetefo Nyankopɔn Wode mframa nantew Otweaduampɔn Nyame Gyedifo hyira wo
5
Onyankopɔn kronkron W’asafo da wo ase W’asɔrefi no mu Na wɔbɔ wo din daa Nnwontofo bεto dwom Ayi wo din ayε Otweaduampɔn Nyame Yεkamfo wo din daa
6
Onyankopɔn Agya Aseda nka wo din Wo na w’ama yεahu Sεnea wadom no te Wode nkwagye frankaa Asi wo kronkronbea; Otweaduampɔn Nyame W’ayεyi rensa da

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 24 (Mo Mmra Ma Yεnsɔre) or copy the full lyrics.