Hymn 23 of 316

Momma Yεn Nhyira Yehowa

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

Chorus (Nnyesoɔ)
Tumi abran mmεkotow no Nkyεre Tweaduampɔn tumi no Momma abɔde nyinaa mmom nkasε Yehowa din no yε kεse
1
Momma yεn nhyira Yehowa Na yε mfa yεn ho nto no so Momma yε nhyε no anuonyam Na n’atamfo mmεkotow no
2
Sε mewɔ tεkrεma apem a Anka mede bεkamfo no Sε mewɔ tεkrεma apem a Anka mede mehyira no
3
Meda wo ase Onyankopɔn Mede me koma medɔ wo Woyε tete Nyankopɔn Obi nni hɔ sε wo nkutoo
4
Onyankopɔn ntaban ase Yε hintabea ma gyedifo Wama yεahu ne dɔ kεse a Ɔde dɔ nnebɔneyεfo
5
Onyankopɔn ntaban ase Yε hintabea ma gyedifo Wama yεahu ne dɔ kεse a Ɔde dɔ nnebɔneyεfo
6
Onyankopɔn, wo ne kεse Wɔ soro ne asase so Wote ahengua kronkron so Enti abɔfo hyira wo
7
Me kra sɔre yi no ayε Me mu ade nyina nyi n’ayε Mo ne me nkamfo Yehowa Ɔno na wayε me nkwagye
8
Mεkɔ Onyankopɔn fi daa Na mate n’adom no nka daa Mεfrε no na mabɔ ne din Na wama me tenabea da di

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 23 (Momma Yεn Nhyira Yehowa) or copy the full lyrics.