Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 22 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Momma Yε Nkamfo Yehowa Kεseyε
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Momma Yε Nkamfo Yehowa Kεseyε
Momma yε mmɔ ne din nkyerε
Yehowa nko na ɔyε Otumfo
Ne nnwuma no na εkyerε
Saa Nyankopɔn yi na yε twere no
Yεbe hyira no na yεasɔre no daa daa
2
Gyedifo werεkyekyefo ne no nkutoo
N’asem no na εhyε wɔn den
Ɔyε wɔn anidaso ne botantim
Ne nnwuma no na εkyerε
Sε wɔtwere no a wɔn bo ntu
Enti wonhyira no wɔ ne fi daa daa
3
Onyankopɔn yε agya pa ma me nti
Momma yεnka nkyerε wiase
Yεbaa ne nkyεn yi wakyekye yεn werε
Ne nnwuma no na εkyerε
Ɔdom mmɔbrohunufo ne no nkutoo
Yebehyira no na yεasɔre no daa daa
4
Yehowa to yεn pon wɔ atamfo anim
Enti yεde anigye fi
Yεde no hyehyε yεn ho daadaa
Ne din mu yehim yεn frankaa
Akodi biara mu yensuro dɔm
Yebehyira no na yεasɔre no daa daa
5
Anɔpa ne awia ɔhwε yεn so
Anadwo ɔde yεn hinta
N’asem no na ɔde kyerε yεn kwan
Ɛhyerεn wɔ sum mu ma yεn
Yεahu n’ayamye kεse no nti
Yebehyira no na yεasɔre no daa daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 22 (Momma Yε Nkamfo Yehowa Kεseyε) or copy the full lyrics.