Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 21 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Mεto Yehowa Dwom
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Mεto Yehowa dwom
Wɔ ɔsram foforo so,
Ɔde wiase ahenni
Ama yεn Kristo no,
Awurade nkoa monhyira ne din
Na n’ahenni yε daa ahenni,
Tumi abran a mudi n’asεm so
Momfa aseda mma Yehowa
2
Mεto Yehowa dwom
Wɔ n’abangua no so
Monsɔre no nkutoo sε
Ne kεseyε te;
Wama ahenni kronkron no
Ayε Kristo Agyenkwa no de
Ahemfo ne Otumfo nyinaa
Mfa aseda mma Yehowa
3
Yehowa nkoa nyinaa
Mo mbɔ afɔre mma no
Monkotow nsɔre no
Wɔ ne fi kronkron hɔ
Mo sum mu atumfo nyinaa
Monhyε Yehowa anuonyam
Wabrε wiase tumfo no ase
Enti munhyira ne din daa
4
Yεde ayεyi dwom
Bεma Yehowa daa
Wama wiase nyinaa
Ahu ne nkwagye no
Mo mmɔ ne din, munhyira no
Na Yehowa yε ɔdomfo
Ɔde n’adom abεgye wiase
Monyi ne din no ayε daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 21 (Mεto Yehowa Dwom) or copy the full lyrics.