Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 28 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Monto Dwom Nyi Yehowa Ayε
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Monto dwom nyi Yehowa ayε
Momfa nnase mma no daa
Momfa anigye ndwom mma no
Wɔ n’asɔrefi kronkron mu
W’ama ne tumi basa so
De nnomum nyinaa aba fie
Awurade Nyankopɔn
Ade nyinaa so tumfo di hene
2
Monto nnwom nyi Yehowa ayε
Mo mmɔ ose mma no daa
Momfa ahurusi nnwom mma no
Wɔ ’nasɔrefi kronkron mu
W’ama yate nedɔ no nka
W’akae ne tete bɔhyε no
Awurade Nyankopɔn
Ade nyinaa so tumfo di hene
3
Monto nnwom nyi Yehowa ayε
Momfa mpintin nyi n’ayε
Momfa nnawuruta nyi n’ayε
Wɔ n’asɔrefi kronkron mu
Monka ne nneyεepa nkyerε
Sε ɔyε mmɔbrohunufo
Awurade Nyankopɔn
Ade nyinaa so tumfo di hene
4
Monto nnwom nyi Yehowa ayε
Momfa anigye nto nnwom
Mommɔ ne din, monkorɔn no
Wɔ n’asɔrefi kronkron mu
Yehowa sε ayεyi daa
Enti monyi no ayε
Awurade Nyankopɔn
Ade nyinaa so tumfo di hene
5
Monto nnwom nyi Yehowa ayε
Gyedifo nyinaa nto dwom
Momma nea εhome nyinaa
Nyi Yehowa din ayε
Yehowa din sε ayεyi
Ahotewfo mo nsuro no
Awurade Nyankopɔn
Ade nyinaa so tumfo di hene
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 28 (Monto Dwom Nyi Yehowa Ayε) or copy the full lyrics.