Hymn 250 of 316

Kristo Ne M’agyenkwa

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Kristo ne m’agyenkwa, Nea ɔte me yaw no, Onim sεnea mete Nanso n’anigye me ho
2
Kristo yε Oguanhwεfo Onim ne nwuam nyinaa Ɔkasa ma wɔte Enti wɔdi n’akyi daa
3
Ɔdɔfo bi nni hɔ Sε Yesu Kristo nko Ɔdɔɔ me kosii sε Owui asεndua no so
4
Kristo ne me hwεfo Ɔmma nnepa mmɔ me; Me mmerεw mu nyinaa Ɔde n’asεm hyε me den
5
Daa nnwomto ne aseda Na mede bεma no, Me kra dɔfo pa no Meyi ne din ayε daa

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 250 (Kristo Ne M’agyenkwa) or copy the full lyrics.