Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 249 of 316🏷️ Nkunimdie ne Ko(Spiritual Warfare & Victory)
Kristosom Mu Akwantu Yε Den
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Kristosom mu akwantu yε den,
Nanso me rekɔ;
Yesu Kristo adi nkonim,
Enti nkonimdi wɔ hɔ,
Nea wokum no no adi nkonim,
Enti mεkɔ hɔ,
Yesu Kristo di mekan nti,
Mεkɔ fie dwoodwoo
2
Yesu Kristo de ne mogya,
Ahoro me bɔne,
Yesu Kristo de ne mogya,
Apopa me mmrato nyinaa,
Yesu Kristo asεndua hann
Hyerεn di m’anim
Yesu Kristo di me kan nti
M’ani bεgye pii
3
Ɔbrε ne amane akyi no
Me werε bεkyekye,
Mεhwε nea w’adi me kan no
Na n’asεm ahyε me den,
Dadwene ne awerεhow da me so
Soro kɔ yε den,
Yesu Kristo di me kan nti
Mεhome da bi
4
Yesu Kristo yε me sahene
Enti mennsuro,
Gyata wɔ kwan no so de
Nanso mennsuro bɔne bi,
Kristo mogya mu tumi nti
Mewie nkonimdi,
Yesu Kristo di me kaan yi
Hena betia me?
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 249 (Kristosom Mu Akwantu Yε Den) or copy the full lyrics.