Hymn 248: Ziɔn Babea Di Ahurusi
Hymn 248 of 316 in the TAC Twi Hymnal. Language: Twi (Akan).
Verses
Verse 1
Ziɔn babea di ahurusi Na wo Hene Kristo no reba, Yiw, Awurade Yesu bra ntεm
Verse 2
Gyedifo nyinaa mo mmɔ ose Na Awwurade Yesu reba, Yiw, Awurade Yesu bra ntεm
Verse 3
Kristo asafo monto dwom Na Awurade tumfo no reba Yiw, Awurade Yesu bra ntεm
Verse 4
Mo tete apon momma mot i so Na Awurade tumfo no nhyεn mu Yiw, Awurade Yesu bra ntεm
Verse 5
O, Awurade Yesu bra ntεm, Bεma, W’ahenni so kyerε Yiw, Awurade Yesu bra ntεm
Verse 6
Hena ne nsa anuonyam Hene yi Ɔyε Awurade tumfo no Yiw, Awurade Yesu bra ntεm
Verse 7
Kristo fata sε ogye tumi Efisε ɔno na wokum no Yiw, Awurade Yesu bra ntεm
Verse 8
Nhyira ne Kristo mu awufo Wobehu bɔhyε anuonyam no Yiw, Awurade Yesu bra ntεm
Verse 9
Awurade Yesu bra ntεm Bεma wiase yi asomdwoe Yiw, Awurade Yesu bra ntεm
Verse 10
Bra, yεn nkwagye Kristo bra ntεm Bra sɔfo pinyin Kristo bra, Yiw, Awurade Yesu bra ntεm
Verse 11
Monteεteε Awurade akwan Monsiesie ne kronkron-bea hɔ Na Awurade Yesu mmra ntεm