Hymn 246 of 316

Yεn Agya Wo Wɔ Soro

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Yεn Agya wo wɔ soro Ma w’ahenni no mmra ntεm; Wiase ahenni yi yεmpε, Yεretwεn nea efi soro; Yεn ani da kwan daa yi, Awurade ma w’ahenni no mmra
2
Wiase tumfo no di Hene, nanso ɔrenntena hɔ daa; Kristo da ne ho adi a, N’ahenni betwam akɔ; Yεgyedi sε εrennkyε Awurade ma w’ahenni no mmra
3
W’ahenni nnyε wiase de, Efi soro Agya no hɔ; Nanso wiase hene mmu wo; Sε wo yε Otumfo bi; Gyedifo de yεretwεn Awurade ma w’ahenni no mmra
4
Wiase hene yεma wo due, Efisε wo mmere asa; Nea ɔkyεn wo no reba Abεtena n’ahengua so; Alleluia, alleluia Awurade ma w’ahenni no mmra
5
εhene kronkron ne Kristo, N’ahenni da ne mmati so; Wɔbεfrε no Ɔnwonwafo, Asomdwoe Hene, daa Agya, Alleluia, alleluia Awurade ma w’ahenni no mmra

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 246 (Yεn Agya Wo Wɔ Soro) or copy the full lyrics.