Hymn 245: Yehowa Bedi Hene Daa
Hymn 245 of 316 in the TAC Twi Hymnal. Language: Twi (Akan).
Chorus
Momma n’ahenni so nkyerε Momma n’ahenni no ntrεw Ɛsoro ne asase mmɔ ne din daa
Verses
Verse 1
Yehowa bedi hene daa, Wɔ soro ne asase so Enti n’ahenni tim hɔ Ɛrennhim da
Verse 2
Yehowa din yε kεse W’ayε ade akεse N’ahenni no betim hɔ Ɛrennhim da
Verse 3
Yehowa ahenni no Ɛwɔ hɔ na atim hɔ, Obi rentumi ntu no Ɛrennhim da
Verse 4
Momma yεnto nnwom kronkron Momma n’ahenni so nkyerε, Monhyira n’ahenni no Ɛrennhim da
Verse 5
Mo ne soro asafo Nto dwom nhyira Yehowa Ɔno ne yεn tweaduampɔn Otim hɔ daa