Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 244 of 316🏷️ Kristo Ba ne Soro Kurow(Second Coming & Heaven)
Yesu Kristo Bra Bεhwε Wo Nkorɔfo
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Yesu Kristo bra bεhwε wo nkorɔfo,
Na wo nkorɔfo rehwε wo kwan;
Yesu Kristo bra bεhwε w’adwuma
Nea woman wo mogya no so ayε wɔ ha
2
Yesu Kristo bra bεhwε wo nkorɔfo,
Nnebɔneyεfo a wasakra,
W’amanehunu wu no annyε kwa,
Enti bra bεhwε nea wo mogya yε wɔ ha
3
Yesu Kristo bra bεhwε wo nkorɔfo,
Abosom mumu a wapo,
Wagye wo nsεmpa kronkron no adi,
Bεhwε nea w’asεndua tumi ayε wɔ ha
4
Yesu Kristo bra bεhwε wo nkorɔfo,
Nea Honhom Kronkron gya ayε,
Wama wɔn werε afi wɔn berε nyinaa
Bεhwε nea wo wusɔre tumi ayε wɔ ha
5
Yesu Kristo bra bεhwε wo nkorɔfo,
Anigye nnwom a wɔto daa,
Honhom kronkron no awo wɔn bio
Bεhwε nea honhom kronkron tumi ayε wɔ ha
6
Yesu Kristo bra bεhwε wo nkorɔfo,
Wo nkwagye nnwuma ada adi,
Wɔn kra kɔndɔ sε wɔbehu w’anim,
Bεhwε nea w’adanse nnwuma ayε wɔ ha
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 244 (Yesu Kristo Bra Bεhwε Wo Nkorɔfo) or copy the full lyrics.