Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 196 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Onyankopɔn Ama M’ahu Ne Dɔ
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Nea oyi no adi Kristo mu no;
Ɛnam adom no so na ɔfrεε me
De me nan ttiatia ɔbotan no so;
Ne mmɔborɔhunu kεse agye me
Mε bata ne ho na m’asɔre no
Ɛde nkunimdi abɔ me abɔtire,
Ne basa kronkron no agye me nkwa
W’ama m’ayε nipa mu treneeni,
M’ayε wɔn ani so anwanwade,
O, Agyenkwa Nyankopɔn, Agya pa,
Meyi wo din no ayε wɔ wo fi
2
Onyankopɔn ne me werεkyekyefo
W’apansam m’atamfo agyinatu,
W’ama ne ho hu atɔ wɔn so,
Enti mewɔ n’afa, mebo rentu;
Nhyira nka Awurade Nyankopɔn
Nea ɔkasa fi soro munukum mu
3
Onyankopɔn abue nkwa nsu ti no
De adwodwo abrεfo koma,
W’ama n’ani aba n’apam no so
Nea tetefo ani do so kwan daa;
Nhyira nka yεn gyefo Awurade,
Momma yεnyi ne din no ayε daa
4
Ɛde Kristo no ayε Agyenkwa,
W’ama nnebɔneyεfo bɔ ne din bi,
Ɛyε Agyenkwa ne dɔfo pa,
Agyenkwa pa a wiase nnye no nni
Onyankopɔn ne yεn abankεse,
Momma yεato dwom nyi no ayε daa
5
Momma yεnhyira Onyankopɔn daa
Ma nea εhome nyinaa nhyira ne din daa;
Kerubim, Serafim, N’asafo;
Nhyira nka ne din kronkron wɔ wiase ha,
Otumfo Nyankopɔn ne Awurade,
Wiase nyinaa beyi wo ayε daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 196 (Onyankopɔn Ama M’ahu Ne Dɔ) or copy the full lyrics.