Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 197 of 316🏷️ Komunio ne Mogya(Communion & The Blood)
Sε Kristo Mogya Anngua
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Anka meyε bɔne akoa,
Ɔbɔɔ bɔne ho afɔre
De popa me mmarato nyinaa
Yesu Kristo ne me trenee,
Mehyira no wɔ Kronkronbea
2
N’adom n ɔde agye me
Ne mmborhunu ahyerε me kwan
N’asεm no ne kwan trenee,
Nea me nam so retu me kwan trenee,
Akonya me nkonim abotire
Wɔ soro Agya Nyame nkyεn
3
Yesu Kristo dom mmoroso nti,
M’ahu sεnea anka mete,
Metɔɔ bɔne amena mu,
Ɔgyefo bi nni hɔ ma me,
M’anidaso nkutoo no owu,
Yesu Kristo dom agye me
4
Yesu Kristo nr Oguammaa a
W’abεsoa me bɔne adesoa,
W’agye me afi owu tɔ mu
M’ahu ne nkunimdi basa,
Ɔgyefo bi nni hɔ sε ɔno
Ne nkutoo na otumi gye nkwa
5
Soro ne asase nnyε komm,
Ntie gyedifo nnwom to kronkron,
Yesu nkunimdi ho dwom
Ɔgyefo a wadi owu so,
Soro ne asase nhyira no,
Momma ne din kronkron no so
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 197 (Sε Kristo Mogya Anngua) or copy the full lyrics.