Hymn 190: Mewɔ Agyapade Wɔ Kristo Mu,
Hymn 190 of 316 in the TAC Twi Hymnal. Language: Twi (Akan).
Verses
Verse 1
Mewɔ agyapade wɔ Kristo mu, Adom mmroso a mentumi nka; Ne mogya a tumi wɔ mu, Na ɔde atua me ti ka; Dεn na mewɔ yε ma Kristo? Mε bɔ ne din na ma dɔ no
Verse 2
Mewɔ agyapade wɔ Kristo mu, Ɔno ne me kra gyefo pa; Nnebɔneyεfo mmɔbrɔhunufo W’apopa me bɔne no nyinaa, Ne nkwagye no ayε me nkwagye, Mεbɔ ne din na m’adɔ no.
Verse 3
Mewɔ agyapade wɔ Kristo mu, Getsemane kuruwa kae me; M’adesoa yεε no adesoa, Ɛnti ɔhunuu amane maa me, Dεn na mewɔ ka wo Kristo ho? Mεbɔ ne din na m’adɔ no
Verse 4
Mewɔ agyapade wɔ Kristo mu, Mogya bi a εhoro bɔne; Ɛyε adom nkwa nsu bi a Ɛpem fi Kristo apirakuru mu, Adom bi a ɔde agye me, Mεbɔ ne din na m’ado no.
Verse 5
Mewɔ agyapade wɔ Kristo mu, N’afɔbu no abu me bem; M’awerεhow adan me anigye, Me bɔne a Kristo soaa yε nti, Awurade Kristo kronkron gyefo, Mεbɔ ne din na m’adɔ no
Verse 6
Mewɔ agyapade wɔ Kristo mu, Ɔdɔɔ me kɔsii wu mu mpo; W’asie me nipa dedaw no, W’ama m’ahu ne dɔ mmroso, Ɔbεkae me wɔ N’ahenni mu, Mεbɔ ne din na m’adɔ no.