Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 189 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Mεsi Me Dan Wɔ Botan So
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
Chorus (Nnyesoɔ)
Sε nsu retɔ a mennsuro
Sε ahumtu a me bo rentu,
Mesi medan wɔ botan so
Na mene Yesu bεtena.
1
Mεsi me dan wɔ botan so
Mεto mebo mesi no yiye
Na mene Yesu bεtena
Ɔsoro ahenman no mu
2
Mεsi me dan wɔ botan so
Ɔbotan a ɔne Kristo,
Nea abantofo paa no
Na w’abεyε kwatibo
3
Mεsi me dan wo ɔbotan so
Botan kronkron yi fi soro,
Kristo ne ɔbotan a
Wɔtwere no a wɔmpɔne da.
4
Mεsi me dan wo ɔbotan so
Na masipi wɔ ne so daa,
Mede me werε mεhyε ne mu
Na m’abata ne ho daa
5
Mεsi me dan wɔ ɔbotan so
Botan Kristo so na megyina;
Wiase mu berε ne ’haw mpo
Mεsi me dan wɔ ɔbotan so.
6
Mεsi me dan wɔ ɔbotan so
Mεhwε yiye na m’anwatiri,
Botan yi so na mεto
Mεsi me dan wɔ ɔbotan so.
7
Mεsi me dan wɔ ɔbotan so
Botantim yi so na mεto,
Gyidi na mede mεsi
Mεsi me dan wɔ ɔbotan so.
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 189 (Mεsi Me Dan Wɔ Botan So) or copy the full lyrics.