Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 135 of 316🏷️ Komunio ne Mogya(Communion & The Blood)
Onyankopɔn Abufo Nti
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Onyankopɔn abufu nti
Nnipa nyinaa year wɔn kra;
Wɔ sε nnguan a wɔayera
Bere a ogyefo bɔɔ wɔn no,
Kristo yii ne dɔ no adi
Wɔ Kalvary bepɔw no so
2
Onyankopɔn abufu nti
Oyii n’ani hintaw nnipa;
εne nnipa dii ntetew mu
Efisε n’adom fii no so
Nnipa yeraa ne nkwagye nti
Kristo guanhwεfo no bewui
3
Onyankopɔn abufu nti
εtamfo no nyaa anigye;
εmaa yεfom kwan tenenee so
Hwehwεε gyefo kwan bɔne so;
Onyankopɔpon adom no nti
Nnipa te guanhwεfo no nne
4
Onyankopɔn abufu nti
Ne ho sukum dee nnipa kra;
Ne nkwagye ne nhyira bɔɔ yεn;
Yεn afɔre ansɔ n’ani,
Nanso ne ntam a ɔkae no nti
Kristo afɔre sɔɔ n’ani
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 135 (Onyankopɔn Abufo Nti) or copy the full lyrics.