Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 136 of 316🏷️ Komunio ne Mogya(Communion & The Blood)
O Yesu, Wiase Agyenkwa
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
O Yesu, wiase Agyenkwa,
Wo brε yi ase ne dεn?
Wo wu yi ase ne dεn?
Wobεgye wɔn a’wayera
2
O Yesu, mahu wo basa,
Wo din mu manya nkwagye
Enti na w’agye me nkwa
Ma mennɔ wo sεnea wote
3
O Yesu, wo din ni yε dε,
Wo din mu manya nkwagye,
Mεdi w’akyi nea wowɔ kɔ,
Na me ne wo atena da bi
4
O Yesu, w’asεndua soa yi
Yε bɔne a εhyε me so,
Me bɔne adesoa ntii
Na ɔbrε ne yaw hyεε wo so
5
O Yesu, w’asεndua mu bɔ
Ne nea wode bue soro kwan;
Nea yεn ani nna so no
Na wode yεn nam so rekɔ
6
O Yesu, ahu amane
O Yesu, abrε wɔ me nti
M’ahu sε wodɔ me nti
Mεka wo dɔ no akyerε
7
O Yesu, mintumi nnɔ wo
O Yesu, sε medɔ wo a
Anka mεhwehwε wo daa
Na w’agye me sεnea mete
8
O Yesu, kasa kyerε me
O Yesu, ma mente won ne,
O Yesu, sε me nsam daa,
Na m’amfom kwan tenenee no so
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 136 (O Yesu, Wiase Agyenkwa) or copy the full lyrics.