Hymn 134: Oguamma A Wokum No No
Hymn 134 of 316 in the TAC Twi Hymnal. Language: Twi (Akan).
Verses
Verse 1
Oguamma a wokum no no Ne nko na tumi wɔ no Kristofo asafo nka sε Ne nko na tumi wɔ no, Wo tumi de wo kra too hɔ Wo tumi faa no bio Nea ne nko yi wiase bɔne Ne nko na tumi wɔ no
Verse 2
Tumi wɔ wo ampa,Kristo, Wo nko na tumi wɔ wo, Yεn brε ne yεn haw daa wo so, Wo nko na tumi wɔ wo, Ma tumi no wɔ Awurade; Yεn bɔne adesoa daa wo so Wo nko na tumi wɔ wo
Verse 3
Woama yεanya bɔne fafiri, Wo nko na tumi wɔ wo, Wo mogya ama yεadi bem, Wo mogya ama yεadi bem, Tumi no wɔ yεn Kristo no, Ɛsahene asafo nka sε, Ne nko na tumi wɔ wo