Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 131 of 316🏷️ Komunio ne Mogya(Communion & The Blood)
Nea Ɔsεm Dua No So No Ne Agyenkwa
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Nea ɔsεn dua no so no ne Agyenkwa
Ɛno na wokum no maa wɔn a wayera
O, hwε sεnea wakyerε ne dɔ’ama me,
Mεdɔ Kristo yε Agyenkwa sεnea osi dɔ me
2
Nea ɔsεn dua no so no ne Agyenkwa
Ɛno na wasoa wiase bɔne nyinaa
Wagye wɔn a wɔda owu nna no nkwa
Yesu Kristo yε Agyenkwa ampa
3
Nea ɔsεn dua no so no ne Agyenkwa
Ɛno na ɔsεn hɔ sε odimafo,
Wadi ama wɔn a wɔda owu nna,
Enti wama wɔn nkwa a enni awiei
4
Nea ɔsεn dua no so no ne Agyenkwa
Ne pira no mu na wahyε me den
Enti mεma m’ani so ahwε no daa
Na m’Agyenkwa no werε amfi me
5
Nea ɔsεm dua no so no ne Agyenkwa
Wiase bɔne nti wayε komm ama owu,
Nanso ne mu na nkwa a enni awiei wɔ
Kristo nkutoo ne wiase Agyenkwa
6
Nea ɔsεm dua no so no ne Agyenkwa
W’abue soro kwan no ato hɔ bio,
W’abɔ weredɔm afɔre a εkɔ so,
Enti Onyankopɔn agye yɔn bio
7
Nea ɔsεm dua no so no ne Agyenkwa
W’ankwati no anyε biribiara,
W’abεhwehwε nea ayera no nyinaa
W’awie n’adwuma enti monhyira no
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 131 (Nea Ɔsεm Dua No So No Ne Agyenkwa) or copy the full lyrics.